Luke 8:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn na monni gyidie?” Wɔn nyinaa suroeɛ de ahodwirie bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ. “Onipa bɛn ni a mframa a ano yɛ den ne asorɔkye mpo tie no yi?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsee wɔn sɛ: Mo gyidie wɔ he? Na wɔsuroe, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na ɔhyɛ mframa ne nsuo mpo na ɛtie no yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsee wɔn sɛ: Mo gyidie wɔ he? Na wɔsuroe, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na ɔhyɛ mframa ne nsuo mpo na ɛtie no yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na osee wɔn sɛ: Mo gyidi wɔ he? Na wosuroe, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wosisee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na ɔhyɛ mframa ne nsu na etie no yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei obisaa wɔn se, “Adɛn na munni gyidi?” Wɔn nyinaa suroe, de ahodwiriw bisabisaa wɔn ho wɔn ho se. “Onipa bɛn ni a mframa a ano yɛ den ne asorɔkye mpo tie no yi?”