Luke 8:28 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhunuu Yesu no, ɔteaam, kotoo ne nan ase sane teateaam sɛ, “Yesu, Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayadeɛ biara.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhunuu Yesu no, ɔteaa mu denden hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nha me!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhunuu Yesu no, ɔteaa mu denden hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nha me!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ohuu Yesu no, ɔteɛɛm dennen hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛse kae sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nhaw me!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ohuu Yesu no, ɔteɛɛ mu, kotow nʼanan ase san teɛteɛɛ mu se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba, dɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayade biara.”