Luke 8:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ɛda bi, okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. Ɔguiɛ no, aba no bi kɔguu ɛkwan mu maa nnipa tiatiaa so na nnomaa bɛsosɔeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ogufoɔ bi firii adi kɔguu n’aba. Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn; na wɔtiatiaa so, na ewiem nnomaa bɛsosɔe.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ogufoɔ bi firii adi kɔguu n’aba. Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn; na wɔtiatiaa so, na ewiem nnomaa bɛsosɔe.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ogufo bi fii adi koguu n’aba. Na ɔregu no, ebi koguu kwankyɛn; na wotiatiaa so, na wim nnomaa bɛsosɔwee.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Da bi, okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogui no, aba no bi koguu ɔkwan mu maa nnipa tiatiaa so na nnomaa nso bɛsosɔwee.