Luke 9:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Anim rebiribiri no, dumienu no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ deɛ wɔbɛdi ne deɛ wɔbɛda ɛfiri sɛ, baabi a yɛwɔ yi yɛ ɛserɛ so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na adeɛ reyɛ asa; na dummienu no ba bɛsee no sɛ: Gya nkurɔfokuo no kwan na wɔnkɔ nkuro ne nkuraase a atwa ahyia yi so nkɔtena hɔ, na wɔanya aduane; na baabi a yɛwɔ yi yɛ ɛserɛ so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na adeɛ reyɛ asa; na dummienu no ba bɛsee no sɛ: Gya nkurɔfokuo no kwan na wɔnkɔ nkuro ne nkuraase a atwa ahyia yi so nkɔtena hɔ, na wɔanya aduane; na baabi a yɛwɔ yi yɛ ɛserɛ so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ade reyɛ asa; na dumien no bae besee no sɛ: Gya nkurɔfokuw no kwan na wɔnkɔ nkurow ne nkuraase a atwa ahyia yi mu nkɔtena hɔ, na wɔanya aduan; efisɛ nea yɛwɔ ha yi yɛ sare so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Anim rebiribiri no, dumien no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ nea wobedi ne nea wɔbɛda, efisɛ faako a yɛwɔ yi yɛ sare so.”