Luke 9:38 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔbarima bi firi nnipakuo no mu teaam sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a medi no ba korɔ ma me;
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na hwɛ, ɔbarima bi a ɔfiri nkurɔfoɔ no mu teaa mu sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo, hwɛ me ba yi, na ɔyɛ me ba korɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na hwɛ, ɔbarima bi a ɔfiri nkurɔfoɔ no mu teaa mu sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo, hwɛ me ba yi, na ɔyɛ me ba korɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na hwɛ, ɔbarima bi a ofi nkurɔfo no mu teɛɛm sɛ: Kyerɛkyerɛfo, mesrɛ wo, hwɛ me ba yi, na ɔyɛ me ba koro.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔbarima bi fi nnipakuw no mu teɛɛ mu se, “Kyerɛkyerɛfo, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a midi no bakoro ma me;