Malachi 1:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ɛfiri deɛ owia pue kɔsi deɛ owia kɔtɔ, me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu. Baabiara, wɔde afɔrebɔdeɛ a ɛho teɛ ne nnuhwam bɛbrɛ me, ɛfiri sɛ, me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na efi owia apuei de kosi n’atɔe no me din yɛ kɛse amanaman mu, na wɔhyew aduhuam bɔ afɔre ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛde a ɛho tew ba; na me din yɛ kɛse amanaman mu, asafo Awurade na ose.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Efi nea owia pue kosi nea owia kɔtɔ, me din bɛyɛ kɛse wɔ amanaman no mu. Baabiara, wɔde afɔrebɔde a ɛho tew ne nnuhuam bɛbrɛ me, efisɛ, me din bɛyɛ kɛse wɔ amanaman no mu,” sɛnea Asafo Awurade se ni.