Malachi 2:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yuda anni nokorɛ. Akyiwadeɛ bi asi wɔ Israel ne Yerusalem mu: Yuda agu hyiadan a Awurade dɔ no ho fi, ɛfiri sɛ waware ɔbaa a ɔsom ananafoɔ nyame.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yuda atwa nkontompo na wɔayɛ akyiwadeɛ Israel ne Yerusalem mu. Na Yuda agu AWURADE kronkronbea a ɔdɔ no ho fi, na wakɔware onyame nanani babaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yuda atwa nkontompo na wɔayɛ akyiwadeɛ Israel ne Yerusalem mu. Na Yuda agu AWURADE kronkronbea a ɔdɔ no ho fi, na wakɔware onyame nanani babaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Yuda atwa nkontompo na wɔayɛ akyide Israel ne Yerusalem mu. Na Yuda ahura Awurade kronkronbea a ɔdɔ no ho, na wakɔware onyame nanani babea.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yuda anni nokware. Akyiwadeyɛ bi asi wɔ Israel ne Yerusalem mu: Yuda agu hyiadan a Awurade dɔ no ho fi, efisɛ waware ɔbea a ɔsom ananafo nyame.