Malachi 2:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Mekyiri awaregyaeɛ!” Sɛdeɛ Awurade Israel Onyankopɔn seɛ nie. “Na metane ɔbarima a ɔde abufuhyeɛ hyɛ ne yere so na ɔsane de ne ntoma kata ne so,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di nokorɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na metane awareguo, AWURADE, Israel Nyankopɔn na ɔseɛ, ne deɛ ɔde mmusuo kata n’atadeɛ soɔ, enti monhwɛ mo ho yie mo honhom ho, na monntwa nkontompo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na metane awareguo, AWURADE, Israel Nyankopɔn na ɔseɛ, ne deɛ ɔde mmusuo kata n’atadeɛ soɔ, enti monhwɛ mo ho yie mo honhom ho, na monntwa nkontompo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na metan awaregu, Awurade, Israel Nyankopɔn na ose, ne nea ɔde mmusu kata n’atade so, asafo Awurade na ose; enti monhwɛ mo ho yiye mo honhom ho, na munntwa nkontompo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Mikyi awaregyae!” Sɛnea Awurade Israel Nyankopɔn se ni. “Na metan ɔbarima a ɔde abufuwhyew hyɛ ne yere so na ɔsan de ne ntama kata no so,” sɛnea Asafo Awurade se ni. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di nokware.