Mark 1:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔfrɛɛ wɔn nso sɛ wɔmmɛdi nʼakyi. Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafoɔ hɔ wɔ kodoɔ no mu bɛdii nʼakyi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ntɛm ara ɔfrɛɛ wɔn, na wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne apaafoɔ no kodoɔ no mu bɛdii n’akyi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ntɛm ara ɔfrɛɛ wɔn, na wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne apaafoɔ no kodoɔ no mu bɛdii n’akyi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ntɛm ara ɔfrɛɛ wɔn, na wogyaw wɔn agya Sebedeo ne apaafo no ɔkorow no mu bedii n’akyi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔfrɛɛ wɔn nso se wommedi nʼakyi. Ntɛm ara na wogyaw wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafo hɔ wɔ ɔkorow no mu bedii nʼakyi.