Mark 14:27 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔduruu deɛ wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa bɛdwane agya me. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam adiyifoɔ no so kaa sɛ, “ ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no abɔ apete.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mo nyinaa ɛbɛyɛ mo suntidua; ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ: Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no abɔ apete.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mo nyinaa ɛbɛyɛ mo suntidua; ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ: Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no abɔ apete.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me ho bɛyɛ mo nyinaa hintidua; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguan no abɔ apete.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Woduu nea wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyinaa beguan agya me.” Efisɛ Onyankopɔn nam adiyifo no so kae se, “ ‘Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguan no abɔ apete.’