Mark 14:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Ɔtuu ano, hwie guu Yesu tirim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔwɔ Betania, Simon kwatani no fie. Na ɔtenaa ɛpono ho no, ɔbaa bi a ɔkura sradehwam toa, a ngo hwamhwam a ne boɔ yɛ den wɔ mu bae, na ɔbɔɔ toa no hwie guu ne mpampam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔwɔ Betania, Simon kwatani no fie. Na ɔtenaa ɛpono ho no, ɔbaa bi a ɔkura sradehwam toa, a ngo hwamhwam a ne boɔ yɛ den wɔ mu bae, na ɔbɔɔ toa no hwie guu n’apampam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔwɔ Betania, Simon kwatani fi. Na ɔtenaa ɔpon ho no, ɔbea bi a okura sradehuam toa, a ngo huamhuam a ne bo yɛ den wɔ mu bae, na ɔbɔɔ toa no hwie guu ne mpampam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbea bi a okura ngo huamhuam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Otuu ano, hwie guu Yesu tirim.