Mark 14:60 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsɔfopanin no sɔre gyinaa badwa no mfimfini bisaa Yesu sɛ, “Yei nso, wonni ho anoyie biara? Ɛdeɛn na wowɔ ka?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsɔfo panin no sɔre gyinaa mfimfini bisaa Yesu sɛ: Wommua bi? Ɛdeɛn ho na yeinom redi adanseɛ tia woɔ yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsɔfo panin no sɔre gyinaa mfimfini bisaa Yesu sɛ: Wommua bi? Ɛdeɛn ho na yeinom redi adanseɛ tia woɔ yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔsɔfo panyin no sɔre gyinaa mfinimfini bisaa Yesu sɛ: Wummua bi? Ɛdɛn ho na eyinom di adanse tia wo yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsɔfopanyin no sɔre gyinaa bagua no mfimfini bisaa Yesu se, “Eyi nso, wunni ho anoyi biara? Dɛn na wowɔ ka?”