Mark 14:70 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Petro saneeɛ bio. Ɛkyɛɛ kakra no, nnipa a wɔgyina ogya no ho no hyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Woka wɔn ho, ɛfiri sɛ, woyɛ Galileani!”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsanee bio. Na ɛkyɛree kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: Ampa ara wofra wɔn mu; ɛfiri sɛ woyɛ Galileani.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsanee bio. Na ɛkyɛree kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: Ampa ara wofra wɔn mu; ɛfiri sɛ woyɛ Galileani.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔsanee bio. Na ɛkyɛe kakra no, wɔn a wogyina hɔ no ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: Ampa wofra wɔn mu; efisɛ woyɛ Galileani.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Petro san bio. Ɛkyɛe kakra no, nnipa a wogyina ogya no ho no fii ase ka kyerɛɛ Petro se, “Woka wɔn ho, efisɛ woyɛ Galileani!”