Mark 16:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mmaa no de ehu ne ahopopoɔ dwane firii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔfirii adi ntɛm ara dwane firii ɛda no ho; na ahopopoɔ ne ahodwirie aka wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara; ɛfiri sɛ na wɔsuro.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔfirii adi ntɛm ara dwane firii ɛda no ho; na ahopopoɔ ne ahodwirie aka wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara; ɛfiri sɛ na wɔsuro.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wofii adi ntɛm ara guan fii ɔda no ho; na ahopopo ne ahodwiriw aka wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara; efisɛ na wosuro.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mmea no de hu ne ahopopo guan fii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa.