Mark 2:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛda no anadwofa, Lewi too ɛpono, too nsa frɛɛ nʼafɛfoɔ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bi sɛ wɔmmra na ɔne wɔn ne Yesu ne nʼasuafoɔ no nto nsa nnidi. Nnipa a wɔdii Yesu akyi no bi te sɛ Lewi ara pɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛbaa sɛ ɔte adidiiɛ ne fie no, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree ne Yesu ne n’asuafoɔ bɛtenaa adidiiɛ; na wɔn a wɔdii n’akyi no dɔɔso.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛbaa sɛ ɔte adidiiɛ ne fie no, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree ne Yesu ne n’asuafoɔ bɛtenaa adidiiɛ; na wɔn a wɔdii n’akyi no dɔɔso.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛbae sɛ ɔte adidii ne fi no, towgyefo ne nnebɔneyɛfo bebree ne Yesu ne n’asuafo bɛtenaa adidii; na wɔn a wodi n'akyi no dɔɔso.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa anadwofa no, Lewi too pon, too nsa frɛɛ ne mfɛfo towgyefo ne nnebɔneyɛfo bi sɛ wɔmmra na ɔne wɔn ne Yesu ne nʼasuafo no nto nsa nnidi. Nnipa a wodii Yesu akyi no bi te sɛ Lewi ara pɛ.