Mark 3:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛda no, na wasa nyarewa bebree. Nanso, na ayarefoɔ no ba ara na wɔreba a wɔpɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka nʼatadeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsaa nnipa pii yadeɛ nti, wɔn a wɔyareyare nyinaa bɛkyeree ne so sɛ wɔrebɛsosɔ ne mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsaa nnipa pii yadeɛ nti, wɔn a wɔyareyare nyinaa bɛkyeree ne so sɛ wɔrebɛsosɔ ne mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔsaa nnipa pii yare nti, wɔn a wɔyareyare nyinaa bɛkyeree no so sɛ wobesuso no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Da no, na wasa nyarewa bebree a ne saa nti na ayarefo no ba ara na wɔreba a wɔpɛe sɛ wɔde wɔn nsa ka nʼatade.