Mark 3:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Ɛfiri sɛ, na nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ no atrɛ afanan nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipakuo pii a wɔtee nnoɔma a ɔyɛeɛ no baa ne nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipakuo pii a wɔtee nnoɔma a ɔyɛeɛ no baa ne nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipa kuw pii a wɔtee nneɛma a ɔyɛe no baa ne nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Efisɛ na nʼanwonwade a ɔyɛ no atrɛw mmaa nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no.