Mark 4:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Aba a ɛguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a, ntɛm so, ɔbonsam ba wɔn nkyɛn, ma wɔn werɛ firi deɛ wɔate no nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yeinom ne wɔn a wɔwɔ kwankyɛn no: Faako a wɔgu asɛm no, sɛ wɔnya te a, ntɛm ara Satan ba, na ɔbɛyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yeinom ne wɔn a wɔwɔ kwankyɛn no: Faako a wɔgu asɛm no, sɛ wɔnya te a, ntɛm ara Satan ba, na ɔbɛyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na eyinom ne wɔn a wɔwɔ kwankyɛn no: Faako a wogu asɛm no, na wonya te a, ntɛm ara Satan ba, na obeyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Aba a eguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a ntɛm ara na ɔbonsam ba wɔn nkyɛn ma wɔn werɛ fi nea wɔate no nyinaa.