Mark 6:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkɔɔ hyiadan mu Homeda, hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛeɛ, maa dodoɔ a wɔbɛtiee no ho dwirii wɔn. Wobisaa sɛ, “Ɛhe na saa onipa yi nyaa saa nneɛma yi, ɛdeɛn nyansa na wɔde ama no a enti ɔtumi yɛ anwanwadeɛ yi?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na homeda duruiɛ no, ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu; na nnipa pii a wɔteeɛ no ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛhe na oyi kɔnyaa nnoɔma yi? Nyansa bɛn na wɔde ama no yi, na saa ahoɔdenneɛ a ɔde ne nsa yɛ yi aseɛ ne sɛn?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na homeda duruiɛ no, ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu; na nnipa pii a wɔteeɛ no ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛhe na oyi kɔnyaa nnoɔma yi? Nyansa bɛn na wɔde ama no yi, na saa ahoɔdenneɛ a ɔde ne nsa yɛ yi aseɛ ne sɛn?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na homeda dui no, ofii ase kyerɛkyerɛe hyiadan mu; na nnipa pii a wɔtee ho dwiriw wɔn na wɔkae sɛ: Ɛhena na oyi nkonyaa nneɛma yi? Nyansa bɛn na wɔde ama no, na saa ahoɔdenne a ɔde ne nsa yɛ yi ase ne dɛn?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkɔɔ hyiadan mu Homeda, fii ase kyerɛkyerɛ maa dodow a wobetiee no ho dwiriw wɔn. Wobisae se, “Ɛhe na saa onipa yi nyaa saa nneɛma yi, dɛn nyansa na wɔde ama no a nti otumi yɛ anwonwade yi?