Mark 6:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo ɛpono wɔ nʼahemfie maa ne mpanimfoɔ, nʼasafohene ne Galilea mpanimfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛda a ɛsɛ duruiɛ a Herode redi n’awoda no, ɔtoo pono maa n’atitire ne n’asafohene ne Galilea mpanimfoɔ,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛda a ɛsɛ duruiɛ a Herode redi n’awoda no, ɔtoo pono maa n’atitire ne n’asafohene ne Galilea mpanimfoɔ,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na da a ɛsɛ dui a Herode redi n’awoda no, ɔtow pon maa n’atitiriw ne n’asafohene ne Galilea mpanyimfo,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo pon wɔ nʼahemfi maa ne mpanyimfo, nʼasafohene ne Galilea mpanyimfo.