Mark 6:24 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ababaawa yi kɔɔ ne maame nkyɛn kɔbisaa no deɛ ɔmmisa, ma ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bisa no Yohane Osubɔni ti!”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔfirii adi kɔbisaa ne na sɛ: Ɛdeɛn na menkɔbisa? Na ɔkaa sɛ: Yohane a ɔbɔ asuo no ti.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔfirii adi kɔbisaa ne na sɛ: Ɛdeɛn na menkɔbisa? Na ɔkaa sɛ: Yohane a ɔbɔ asuo no ti.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ofii adi kobisaa ne na sɛ: Dɛn na minkobisa? Na ɔkae sɛ: Yohane a ɔbɔ asu no ti.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ababaa yi kɔɔ ne na nkyɛn kobisaa no nea ommisa ma ɔka kyerɛɛ no se, “Bisa no Osuboni Yohane ti!”