Mark 6:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnyɛ dua dwumfoɔ ba no ni? Ɛnyɛ Maria babarima a ne nuanom ne Yakobo, Yosef, Yuda ne Simon no nie? Ɛnyɛ yɛne ne nuammaanom na ɛte ha!” Na wɔn bo fuu no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnyɛ duadwumfoɔ yi a ɔyɛ Maria ba no, Yakobo ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no nie? Na ɛnyɛ ne nuammaa na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnyɛ duadwumfoɔ yi a ɔyɛ Maria ba no, Yakobo ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no nie? Na ɛnyɛ ne nuammaa na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnyɛ duadwumfo yi ɔyɛ Maria ba no, Yakob ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no ni? Na ɛnyɛ ne nuammeanom na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ hintidua maa wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnyɛ duadwumfo no ni? Ɛnyɛ Maria babarima a ne nuanom ne Yakobo, Yosef, Yuda ne Simon no ni? Ɛnyɛ yɛne ne nuabeanom na ɛte ha!” Na wɔn bo fuw no.