Mark 6:34 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei enti, ɛberɛ a Yesu sii fam no, na nnipakuo ahyia wɔ hɔ. Ɔhunuu wɔn no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, na wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wɔhunu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yesu sii fam no, ɔhunuu nkurɔfokuo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔte sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ; na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yesu sii fam no, ɔhunuu nkurɔfokuo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔte sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ; na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yesu sii fam no, ohuu nkurɔfokuw pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo; na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi nti bere a Yesu sii fam no, na nnipakuw ahyia wɔ hɔ. Ohuu wɔn no ne yam hyehyee no maa wɔn efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wohu.