Mark 6:48 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhunuu sɛ na wɔn ho akyere wɔn; ɛne sɛ, mframa a ano yɛ den ne asorɔkye bɔ dweradweraa kodoɔ no, enti na wɔrebrɛ ɔkodoɔ no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ sɛ nnɔnmiɛnsa berɛ mu no, ɔnantee nsuo no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ sɛ ɔretwa wɔn ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhunuu wɔn sɛ wɔrebrɛ ɔhare mu; na mframa rehyia wɔn. Na ɛbɛyɛ anɔpahemahema nnɔnmmiɛnsa ne nnɔnnsia ntam no, ɔnam ɛpo ani baa wɔn nkyɛn; na ɔrepɛ asiane wɔn ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhunuu wɔn sɛ wɔrebrɛ ɔhare mu; na mframa rehyia wɔn. Na ɛbɛyɛ anɔpahemahema nnɔnmmiɛnsa ne nnɔnnsia ntam no, ɔnam ɛpo ani baa wɔn nkyɛn; na ɔrepɛ asiane wɔn ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ohuu wɔn sɛ wɔrebrɛ ahare mu; na mframa rehyia wɔn. Na ɛbɛyɛ anɔpahemahema nnɔnabiɛsa ne nnɔnsia ntam no, ɔnam po ani baa wɔn nkyɛn, na ɔrepɛ atwa wɔn ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ohuu sɛ na wɔn ho akyere wɔn; ɛne sɛ, mframa a ano yɛ den ne asorɔkye bɔ dwiradwiraa ɔkorow no, enti na wɔrebrɛ wɔ ɔkorow no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ sɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, ɔnantew asu no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ sɛ ɔretwa wɔn ho.