Mark 7:33 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yesu sɔɔ ne mu de no firii nnipakuo no mu. Afei, ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasuo de kaa ne tɛkrɛma.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yesu faa no firii nkurɔfokuo no mu kɔɔ nkyɛn de ne nsateaa hyehyɛɛ n’asom, na ɔtee ntasuo de kaa ne tɛkyerɛma,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yesu faa no firii nkurɔfokuo no mu kɔɔ nkyɛn de ne nsateaa hyehyɛɛ n’asom, na ɔtee ntasuo de kaa ne tɛkyerɛma,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yesu faa no fii nkurɔfokuw no mu kɔɔ nkyɛn de ne nsatea hyehyɛɛ n’asom, na ɔtoo ntasu de kaa ne tɛkrɛma,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yesu soo ne mu de no fii nnipakuw no mu. Afei ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasu de kaa ne tɛkrɛma.