Mark 8:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Farisifoɔ no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnneɛ bi nna adi wɔ ewiem nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yɛbɛgye wo adi.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Farisifoɔ no baeɛ, na wɔfitii aseɛ bisabisaa no nsɛm, hwehwɛɛ ne nkyɛn nsɛnkyerɛnneɛ a ɛfiri soro de sɔɔ no hwɛe.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Farisifoɔ no baeɛ, na wɔfitii aseɛ bisabisaa no nsɛm, hwehwɛɛ ne nkyɛn nsɛnkyerɛnneɛ a ɛfiri soro de sɔɔ no hwɛe.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Farisifo no bae, na wofii ase bisabisaa no nsɛm hwehwɛɛ ne nkyɛn sɛnkyerɛnne a efi soro de sɔɔ no hwɛe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Farisifo no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bebisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛe. Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛ nsɛnkyerɛnne bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnne bi nna adi wɔ wim nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yebegye wo adi.”