Mark 8:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asuafoɔ no werɛ firii sɛ wɔfa aduane bi kura ansa na wɔakɔ. Aduane a na wɔkura wɔ kodoɔ no mu no yɛ burodo baako pɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn werɛ firii sɛ wɔfa paanoo, na na wɔnni biribi wɔn nkyɛn kodoɔ no mu sɛ paanoo baako pɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn werɛ firii sɛ wɔfa paanoo, na na wɔnni biribi wɔn nkyɛn kodoɔ no mu sɛ paanoo baako pɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔn werɛ fii sɛ wɔfa abodoo, na wonni biribi wɔn nkyɛn ɔkorow no mu sɛ abodoo biako pɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asuafo no werɛ fii sɛ wɔfa aduan bi kura ansa na wɔkɔ, gye brodo baako pɛ na na wokura wɔ ɔkorow no mu.