Mark 8:25 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifirani no buee nʼani, na ɛberɛ a ɔrehwɛ adeɛ haa no, nʼani no yɛɛ yie a afei deɛ na ɔhunu biribiara kann.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Afei ɔde ne nsa guu n’ani so bio, na ɔhwɛɛ adeɛ haa; na ne ho sanee no, na ɔhunuu biribiara kann.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Afei ɔde ne nsa guu n’ani so bio, na ɔhwɛɛ adeɛ haa; na ne ho sanee no, na ɔhunuu biribiara kann.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Afei ɔde ne nsa guu n’ani so bio, na ɔhwɛɛ ade haa; na ne ho san no, na ohuu biribiara kann.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifuraefo no buee nʼani, na bere a ɔrehwɛ ade haa no, nʼani no yɛɛ yiye a afei de na ohu biribiara kann.