Mark 9:38 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yohane a ɔyɛ asuafoɔ no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛhunuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne enti yɛka kyerɛɛ no sɛ ɔnnyae, ɛfiri sɛ, ɔnka yɛn ho.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yohane see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛahunu obi sɛ ɔde wo din retu ahonhommɔne, na yɛbaraa no, ɛfiri sɛ ɔnni yɛn akyi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yohane see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛahunu obi sɛ ɔde wo din retu ahonhommɔne, na yɛbaraa no, ɛfiri sɛ ɔnni yɛn akyi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yohane see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛahu obi sɛ ɔde wo din retu ahonhommɔne, na onni yɛn akyi; na yɛbraa no, efisɛ onni yɛn akyi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yohane a ɔyɛ asuafo no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yehuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne nti yɛka kyerɛɛ no se onnyae, efisɛ ɔnka yɛn ho.”