Matthew 13:29 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ɔbuaa wɔn sɛ, ‘Dabi! Anhwɛ a na moatutu aburoo no bi afra wira no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔse: Dabi, anhwɛ a, moreboaboa wura bɔne ano no, na moatu ayuo no bi afra mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔse: Dabi, anhwɛ a, moreboaboa wura bɔne ano no, na moatu ayuo no bi afra mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ose: Dabi, anyɛ a, moreboaboa wura bɔne no ano no, na moatu awi no bi afra mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Obuaa wɔn se, ‘Dabi da!’ Anyɛ a na moatutu aburow no bi afra nwura no.