Matthew 13:36 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Yesu firii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ efie. Nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnkyerɛ wɔn abɛbuo a ɛfa ewira ne aba ho no ase.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Afei ɔgyaa nkurɔfoɔ akuakuo no hɔ, na ɔbaa fie. Na n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa sɛ: Kyerɛ yɛn afuo mu wura bɔne ho bɛ no ase.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Afei ɔgyaa nkurɔfoɔ akuakuo no hɔ, na ɔbaa fie. Na n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa sɛ: Kyerɛ yɛn afuo mu wura bɔne ho bɛ no ase.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Afei ogyaa nkurɔfo akuwakuw no kwan no, ɔbaa ofie. Na n’asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa sɛ: Kyerɛ yɛn afuw mu wura bɔne ho bɛ no ase.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei Yesu fii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ fie. Nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se ɔnkyerɛ wɔn bɛ a ɛfa nwura ne aburow ho no ase.