Matthew 14:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn nyinaa didi meeɛ, na mporoporowa a ɛkaeɛ no yɛɛ nkɛntɛn dummienu mama.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn nyinaa didi meeɛ, na mporoporowa a ɛkaeɛ no yɛɛ nkɛntɛn dummienu mama.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔn nyinaa didi mee, na wɔtasetasee mporoporowa a ɛkae no nkɛntɛn dumien mama.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obiara dii nea wɔde maa no no mee pintinn. Afei asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.