Matthew 14:36 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ayarefoɔ no srɛɛ Yesu sɛ, ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatadeɛ ano kɛkɛ. Ayarefoɔ dodoɔ a wɔtumi de wɔn nsa kaa nʼatadeɛ ano no ho yɛɛ wɔn den.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’atadeɛ ano nnwo nko ara. Na dodoɔ a wɔde wɔn nsa kaeɛ no ho yɛɛ wɔn den.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’atadeɛ ano nnwo nko ara. Na dodoɔ a wɔde wɔn nsa kaeɛ no ho yɛɛ wɔn den.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’atade ano nnwow nko ara. Na dodow a wɔde wɔn nsa kaa n'atade ano no ho yɛɛ wɔn den.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ayarefo no srɛɛ Yesu se ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatade ano kɛkɛ. Ayarefo dodow a wotumi de wɔn nsa kaa nʼatade ano no ho yɛɛ wɔn den.