Matthew 15:22 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Kanaanni baa bi a ɔte ɔman no mu hɔ de su baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yera no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na hwɛ, Kanaanni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateaa mu sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi reha me babaa dodo!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na hwɛ, Kanaanni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateaa mu sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi reha me babaa dodo!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na hwɛ, Kanaanni bea bi a ofi mpɔtam hɔ bae bɛteɛteɛɛm sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi rehaw me babea dodo!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Kanaanni bea bi a ɔte ɔman no mu hɔ de osu baa Yesu nkyɛn bɛkae se, “Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yeraw no.”