Matthew 15:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ebi ne sɛ, Onyankopɔn mmara no ka sɛ, ‘Di wʼagya ne wo maame ni,’ na baako nso ne sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka asɛmmɔne afa nʼawofoɔ ho no, ɛsɛ sɛ wɔkum no,’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Onyankopɔn ahyɛ sɛ: Di w’agya ne wo na ni, na deɛ ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owuo na ma no nwuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Onyankopɔn ahyɛ sɛ: Di w’agya ne wo na ni, na deɛ ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owuo na ma no nwuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Onyankopɔn kae sɛ: Di w’agya ne wo na ni, na nea ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owu na ma onwu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ebi ne sɛ, Onyankopɔn mmara no ka se, ‘Di wʼagya ne wo na ni,’ na baako nso ne sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka asɛmmɔne afa nʼawofo ho no, ɛsɛ sɛ wokum no,’