Matthew 15:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, mo ara monam mo mmara a moahyɛ so bu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛɛ sɛ di wʼagya ne wo maame ni no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɛnni sɛ ɔdi n’agya anaa ne na ni, na mo atetesɛm nti moasɛe Nyankopɔn asɛm.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɛnni sɛ ɔdi n’agya anaa ne na ni, na mo atetesɛm nti moasɛe Nyankopɔn asɛm.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na enni sɛ odi n’agya anaa ne na ni, na mo atetesɛm nti moasɛe Onyankopɔn asɛm.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti mo ara monam mo mmara a moahyɛ so bu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛɛ sɛ di wʼagya ne wo na ni no so.