Matthew 17:27 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na mmom, ɛsiane sɛ mempɛ sɛ wɔfa yɛn ho abufuo no enti, kɔ asuo no mu kɔto darewa. Apataa a wobɛyi no adi ɛkan no, bue nʼanom. Wobɛhunu sika a ɛbɛso me ne wo ɛtoɔ no tua sɛ ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kɔtua ma wɔn.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn suntidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kane no, wobue n’anomu a, wobɛhunu dwetɛbena wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne woɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn suntidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kane no, wobue n’anomu a, wobɛhunu dwetɛbena wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne woɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn hintidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kan no, wubue n’anom a, wubehu dwetɛbona wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne wo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na mmom, esiane sɛ mempɛ sɛ wɔfa yɛn ho abufuw no nti, kɔ asu no mu kɔto darewa. Apataa a wubeyi no adi kan no, bue nʼanom. Wubehu sika a ɛbɛso me ne wo tow no tua sɛ ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kotua ma wɔn.”