Matthew 20:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me kuruwa ano deɛ, mobɛtumi anom, nanso menni tumi sɛ meyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so. Saa afa no wɔ hɔ ma wɔn a mʼagya ayi wɔn no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsee wɔn sɛ: Me kuruwa deɛ mobɛnom, (na m’asubɔ nso mobɛnya,) # na me nifa ne me benkum tena deɛ, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a m’agya asiesie ama wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsee wɔn sɛ: Me kuruwa deɛ mobɛnom, (na m’asubɔ nso mobɛnya,) # na me nifa ne me benkum tena deɛ, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a m’agya asiesie ama wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na osee wɔn sɛ: Me kuruwa de, mobɛnom; (na m'asubɔ nso mubenya) na me nifa ne me benkum tena de, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a m’agya asiesie ama wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me kuruwa ano de, mubetumi anom, nanso minni tumi sɛ miyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so. Saa afa no wɔ hɔ ma wɔn a mʼAgya ayi wɔn no.”