Matthew 20:31 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnipadɔm a wɔdi Yesu akyi no teateaa wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano. Nanso, anifirafoɔ no kɔɔ so teateaam sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nkurɔfokuo no kaa wɔn anim sɛ wɔmmua wɔn ano. Ɛno mmom ma wɔteateaa mu denden sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nkurɔfokuo no kaa wɔn anim sɛ wɔmmua wɔn ano. Ɛno mmom ma wɔteateaa mu denden sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nkurɔfokuw no kaa wɔn anim sɛ wommua wɔn ano. Ɛno mmom na wɔteɛteɛɛm dennen sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nnipadɔm a wodi Yesu akyi no teɛteɛɛ wɔn se wommua wɔn ano. Nanso anifuraefo no kɔɔ so teɛteɛɛ mu se, “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”