Matthew 21:31 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Saa mmɔfra baanu yi mu hwan na ɔtie nʼagya asɛm?” Wɔbuaa sɛ, “Ne ba panin no a.” Afei, Yesu kyerɛɛ asɛm no ase sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ abɔnefoɔ ne nnwamanfoɔ bɛkɔ Ɔsoro Ahennie mu ansa na moakɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔn baanu yi mu hwan na ɔyɛɛ deɛ n’agya pɛ? Na wɔse: Deɛ ɔdi kan no. Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, togyefoɔ ne nnwamamfoɔ redi mo anim akɔ Nyankopɔn ahennie mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔn baanu yi mu hwan na ɔyɛɛ deɛ n’agya pɛ? Na wɔse: Deɛ ɔdi kan no. Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, togyefoɔ ne nnwamamfoɔ redi mo anim akɔ Nyankopɔn ahennie mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔn baanu yi mu hena na ɔyɛɛ nea n’agya pɛ? Na wose: Nea odi kan no. Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, towgyefo ne nguamanfo redi mo anim akɔ Onyankopɔn ahenni mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Saa mmofra baanu yi mu hena na otie nʼagya asɛm?” Wobuae se, “Ɛyɛ ne ba panyin no.” Yesu see wɔn se, “Akyinnye biara nni ho sɛ abɔnefo ne nguamanfo bɛkɔ Ɔsoro Ahenni mu ansa na moakɔ.