Matthew 24:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yesu refiri baabi a asɔredan no si hɔ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn pɛɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ no adan ahodoɔ a ɛwɔ asɔredan no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yesu firii asɔrefie hɔ a ɔrekorɔ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn sɛ wɔrebɛkyerɛ no asɔrefie aban no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yesu firii asɔrefie hɔ a ɔrekorɔ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn sɛ wɔrebɛkyerɛ no asɔrefie aban no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yesu fii asɔrefi hɔ a ɔrekɔ no, n’asuafo no baa ne nkyɛn sɛ wɔbɛkyerɛ no asɔrefi aban no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yesu refi faako a asɔredan no si hɔ akɔ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn pɛɛ sɛ wɔtwe nʼadwene kɔ adan ahorow a ɛwɔ asɔredan no mu no so.