Matthew 26:45 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsane baa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, monna na monhome. Hwɛ, ɛdɔn no aduru. Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa!
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei deɛ, monna na monhome! Hwɛ, dɔn no aduru a wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei deɛ, monna na monhome! Hwɛ, dɔn no aduru a wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔbaa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei de, monna na monhome ɛ! Hwɛ, dɔn no adu a wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsan baa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, monna na monhome. Nanso dɔn no adu. Wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa!