Matthew 3:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnna Yesu nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛtwa ara na ɛtwa sɛ wobɔ me asu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ no bɛba mu.” Yesu asɛm a ɔkaeɛ no enti, Yohane bɔɔ no asu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yesu bua see no sɛ: Seesei deɛ, ma ho kwan; na ɛnam yei so na yɛhyɛ tenenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yesu bua see no sɛ: Seesei deɛ, ma ho kwan; na ɛnam yei so na yɛhyɛ tenenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yesu bua see no sɛ: Mprempren de, ma ho kwan; na ɛnam eyi so na yɛhyɛ trenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yesu nso ka kyerɛɛ no se, “Otwa ara na etwa sɛ wobɔ me asu sɛnea ɛbɛyɛ a nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ no bɛba mu.” Yesu asɛm a ɔkae no nti, Yohane bɔɔ no asu.