Matthew 4:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛda bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ afarefoɔ sɛ wɔregu asau ɛpo no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforɔ nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yesu nenam Galilea po ho no, ɔhunuu anuanom baanu, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asau ɛpo no mu; na wɔyɛ apofofoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yesu nenam Galilea po ho no, ɔhunuu anuanom baanu, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asau ɛpo no mu; na wɔyɛ apofofoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yesu nenam Galilea po ho no, ohuu anuanom baanu, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asawu ɛpo mu; na wɔyɛ apofofo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ apopofo sɛ wɔregu asau wɔ po no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforo nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea.