Matthew 5:32 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ, sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbaa no sane kɔware bio a, na ɔbarima a ɔgyaee no no ama ɔbaa no asɛe awadeɛ. Ɔbarima foforɔ a ɔbɛware ɔbaa no nso asɛe awadeɛ saa ara.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na me deɛ, mese mo sɛ: Sɛ ɛnyɛ adwamammɔ nti na obi gyaa ne yere a, na wama ɔbaa no asɛe awadeɛ; na obiara a ɔbɛware deɛ wɔagyaa no no nso asɛe awadeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na me deɛ, mese mo sɛ: Sɛ ɛnyɛ adwamammɔ nti na obi gyaa ne yere a, na wama ɔbaa no asɛe awadeɛ; na obiara a ɔbɛware deɛ wɔagyaa no no nso asɛe awadeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na me de, mise mo sɛ: Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere a, na wama ɔbea no asɛe aware; na obiara a ɔbɛware nea wɔagyaa no no nso asɛe aware.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na me de, nea mereka ne sɛ, sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ sɛ ɔbea no abɔ aguaman na ɔbea no san kɔware bio a, na ɔbarima a ogyaa no no ama ɔbea no asɛe aware. Ɔbarima foforo a ɔbɛware ɔbea no nso asɛe aware saa ara.