Matthew 8:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na mereka akyerɛ mo sɛ, nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham, Isak ne Yakob ato nsa adidi wɔ ɔsoro ahennie no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mese mo sɛ, nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidiiɛ ɔsoro ahennie mu;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mese mo sɛ, nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidiiɛ ɔsoro ahennie mu;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mise mo sɛ, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidii ɔsoro ahenni mu;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na mereka akyerɛ mo se, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba na wɔne Abraham, Isak ne Yakob abɛtena ase wɔ ɔsoro Ahenni no mu.