Micah 1:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne, ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti. Yakob nnebɔne ne sɛn? Ɛnyɛ Samaria anaa? Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ Yerusalem anaa?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yakob mmarato ne Israel fie nnebɔne nti na yei nyinaa ba. Ɛdeɛn ne Yakob mmarato? Ɛnyɛ ɛne Samaria anaa? Na ɛdeɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ ɛne Yerusalem anaa?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yakob mmarato ne Israel fie nnebɔne nti na yei nyinaa ba. Ɛdeɛn ne Yakob mmarato? Ɛnyɛ ɛne Samaria anaa? Na ɛdeɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ ɛne Yerusalem anaa?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Efi Yakob mmarato ne Israel fi nnebɔne nti na eyi nyinaa ba, Dɛn ne Yakob mmarato? So ɛnyɛ Samaria? Na dɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? So ɛnyɛ Yerusalem?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi nyinaa yɛ Yakob nnebɔne, ne bɔne ahorow a ɛwɔ Israel fi nti. Yakob nnebɔne ne dɛn? Ɛnyɛ Samaria ana? Na he ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ Yerusalem ana?