Micah 2:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ ɔbɔ ɛkwan no bɛdi wɔn anim wɔbɛbu apono no na wɔafiri akɔ. Wɔn ɔhene bɛsene adi wɔn anim, Awurade bɛyɛ wɔn ti.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Otwafoɔ di wɔn anim reforo aba. Wɔbɔ kirididi sene fa kuro pono mu, na wɔfa mu firi adi bio. Na wɔn hene sene di wɔn anim, na AWURADE di wɔn kan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Otwafoɔ di wɔn anim reforo aba. Wɔbɔ kirididi sene fa kuro pono mu, na wɔfa mu firi adi bio. Na wɔn hene sene di wɔn anim, na AWURADE di wɔn kan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Otwafo di wɔn anim reforo aba; wɔbɔ kirididi sen fa kurow pon mu, na wɔfa mu fi adi bio; na wɔn hene sen di wɔn anim, na AWURADE di wɔn kan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea obue ɔkwan no bedi wɔn anim; wobebu apon no na wɔafi akɔ. Wɔn Hene no bɛsen adi wɔn anim, Awurade bɛyɛ wɔn ti.”