Micah 2:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛda no, nnipa bɛsere mo. Wɔde saa awerɛhoɔ dwom yi bɛdi mo ho fɛ sɛ: ‘wɔasɛe yɛn koraa; wɔakyekyɛ me nkurɔfoɔ ahodeɛ mu. Ɔgye firi me nsa mu! Na ɔde yɛn mfuo ma akɔnkɔnsafoɔ.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛda no wɔbɛbu mo ho bɛ na wɔabe kwadwom sɛ: Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no, wasakyera. Wagye afiri me nsam; Atuateni na ɔkyɛ yɛn mfuo mu ma no yi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛda no wɔbɛbu mo ho bɛ na wɔabe kwadwom sɛ: Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no, wasakyera. Wagye afiri me nsam; Atuateni na ɔkyɛ yɛn mfuo mu ma no yi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛda no wɔbebu mo ho bɛ na wɔatwa kwadwom sɛ: Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no, wasakra no; wagye afi me nsam; otuatewfo na ɔkyɛ yɛn mfuw mu ma no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa da no, nnipa bɛserew mo. Wɔde saa awerɛhow dwom yi bedi mo ho fɛw se: ‘wɔasɛe yɛn koraa; wɔakyekyɛ me nkurɔfo ahode mu. Ogye fi me nsam! Na ɔde yɛn mfuw ma akɔnkɔnsafo.’ ”