Micah 2:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mopam mmaa a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu firi wɔn afie fɛfɛ mu. Mogye me nhyira firi wɔn mma nsam afebɔɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mopamo me man mu mmaa firi wɔn afie fɛfɛ mu, na mogye wɔn animuonyam firi mmɔtafowa hɔ koraa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mopamo me man mu mmaa firi wɔn afie fɛfɛ mu, na mogye wɔn animuonyam firi mmɔtafowa hɔ koraa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mopam me man mu mmea fi wɔn afi afɛfɛ mu na mugye m’anuonyam fi wɔn mmotafowa hɔ koraa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mopam mmea a wɔwɔ me nkurɔfo mu fi wɔn afi afɛɛfɛ mu. Mugye me nhyira fi wɔn mma nsam afebɔɔ.